Psalms 54

Ogye mpaebɔ

1Gye me wo tumi mu,
O Onyankopɔn; ma menne me ho, wo tumi mu!
2Tie me mpaebɔ,
O Onyankopɔn; tie me nsɛm!
3Ahantanfo reba me so.
Atirimɔdenfo pɛ sɛ wokum me; wɔn a wonsuro Onyankopɔn.
4Nanso Onyankopɔn ne me boafo.
Awurade ne me hwɛfo.
5 Awurade nnyina mʼatamfo bɔne so ntwe wɔn aso.
Ɔbɛsɛe wɔn efisɛ, ɔyɛ ɔnokwafo.
6Mede anigye bɛbɔ wo afɔre,
O Awurade; mɛda wo ase efisɛ, wuye.
7Woagye me afi me haw nyinaa mu, na mahu sɛ woadi mʼatamfo so.
Copyright information for TwiNAK